la melodia chorale lmc odom honhom şarkı sözleri

Ɔdom honhom' ne me ntra Na mayɛ ɔdomfo bi Mada W'asɛm a ɛsa Yare no adi me bram' Na maka Kristo ho nsɛm Ɔdwo ne abòɔd'ru mu Ɔdom honhom' ne me ntra Na mayɛ ɔdomfo bi Nokwar' Honhom ne me ntra Na mayɛ nokwafo bi Ma Wo nyansa ne dom no Nna adi yie wɔ me bram' Na mede anua-yɛ pa Maka me Wura ho nsɛm Nokwar' Honhom ne me ntra Na mayɛ nokwafo bi Tema honhom! ne me ntra Na me nso mayɛ tema Fa me koma sie se nhw'ren Wɔ sohwɛ sum bere mu 'Wia pue a, bue pon no mu Ma wɔnte Ne dɔ hua no Tema honhom! ne me ntra Na me nso mayɛ tema Honhom Tumfo! ne me ntra Na mayɛ otumfo bi Na matumi m'agyina Nea ankonam di nkogu Anidaso pa mu daa Na makɔ m'anim ara Honhom Tumfo! ne me ntra Na mayɛ Otumfo bi Honhom Kronkron ne me ntra Na mayɛ hotefo bi Na bɔn' afi me ho no Mabata papa nko ho Na nea mɛdan biara no Mede me ho mama Wo Honhom Kronkron ne me ntra Na mayɛ hotefo bi
Sanatçı: La Melodia Chorale LMC
Türü: Belirtilmemiş
Ajans/Yapımcı: Belirtilmemiş
Şarkı Süresi: 5:39
Toplam: kayıtlı şarkı sözü
La Melodia Chorale LMC hakkında bilgi girilmemiş.

Fotoğrafı